Psalms 145

Ayeyi dwom

1Mɛpae mu maka wo kɛseyɛ, me Nyankopɔn ne me hene; mɛda wo ase daa nyinaa.
2Da biara, mɛda wo ase; mɛkamfo wo daa nyinaa.
3 Awurade yɛ kɛse na ɛsɛ sɛ wɔkamfo no.
Ne kɛseyɛ boro adwene so.
4Wɔbɛkamfo nea woayɛ fi nkyirimma so kosi nkyirimma so; wɔbɛka wo nnwuma akɛse no.
5Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi ho asɛm, na medwen wʼanwonwadwuma no ho.
6Nnipa bɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm; na mɛda wo kɛseyɛ adi.
7Wɔbɛka wo papayɛ ho asɛm; na wɔato wʼayamye nso ho dwom.
8 Awurade yɛ ɔdɔ ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
9Oye ma obiara na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde.
10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wo nkurɔfo nyinaa bɛda wo ase.
11Wɔbɛka anuonyam a ɛwɔ wʼadehye tumi no ho asɛm na wɔaka wo tumi no ho asɛm nso,
12sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wo nnwuma akɛse no ne wʼahemman a, anuonyam ne tumi wɔ mu no.
13Wʼahenni to rentwa da, na woyɛ ɔhene daa daa.
Awurade hyɛ bɔ a, odi so, na biribiara a ɔyɛ, yɛ pɛ.
14Ɔboa wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu.
Ɔpagyaw wɔn a wɔahwe ase.
15Ani nyinaa hwɛ wo kwan na woma wɔn aduan wɔ ne bere mu.
16Woma wɔn dodow, na nea ehia obiara no, wode ma no.
17 Awurade yɛ trenee wɔ nea ɔyɛ biara mu; ohu mmɔbɔ wɔ ne nneyɛe mu.
18Ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no no, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu no.
19Wɔn a wodii no ni no, ɔma wɔn nea ehia wɔn; otie wɔn sufrɛ gye wɔn.
20Ɔbɔ obiara a ɔdɔ no no ho ban na ɔbɛsɛe amumɔyɛfo.
21Mɛkamfo Awurade daa; ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.
Copyright information for TwiNAK